Psalms 71

Akwakoraa mpaebɔ

1 Awurade, maba wo nkyɛn sɛ ma me guankɔbea.
Mma wonnni me so da!
2Esiane sɛ woyɛ ɔtreneeni nti, boa me na gye me.
Tie me na gye me nkwa!
3Fa me sie wɔ wo nwini ase ne wʼabankɛse mu, fa bɔ me ho ban; wone me guankɔbea ne me hwɛfo.
4Me Nyankopɔn gye me fi amumɔyɛfo ne atirimɔdenfo tumi ne nnebɔneyɛfo nsam.
5 Awurade, mʼani da wo so.
Mede me ho too wo so bere a na misua.
6Me nkwa nna nyinaa, mede me ho ato wo so.
Efi bere a wɔwoo me, woabɔ me ho ban.
Mɛkamfo wo daa.
7Mʼabrabɔ ayɛ nhwɛso ama nnipa pii efisɛ, woyɛ me gyefo a woyɛ den.
8Fi anɔpa kosi anwummere, mekamfo na meda wʼanuonyam adi.
9Afei a magow yi, mpa me.
Afei a mayɛ mmerɛw yi, mpa me.
10Mʼatamfo pɛ sɛ wokum me.
Wɔkasa kɔ me tiri so apam.
11Wɔka se, “Onyankopɔn agyaw no hɔ; momma yenni nʼakyi nkɔkyere no na obiara nni hɔ a obegye no.”
12Ntew wo ho ntena akyiri,
O Onyankopɔn; me Nyankopɔn, yɛ ntɛm begye me.
13Ma wɔn a wɔtaa me no nni nkogu na wɔnsɛe wɔn.
Ma wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me ani nwu na wɔn anim ngu ase.
14Daa mede mʼani bɛto wo so; mɛkɔ so akamfo wo daa daa.
15Mɛka wʼayamye akyerɛ.
Fi anɔpa kosi anwummere nyinaa mɛka wo nkwagye ho asɛm; emu yɛ duru sen me ntease.
16Mɛkamfo wo tumi,
Otumfoɔ Awurade.
Mɛpae mu aka wʼadɔe ho asɛm; wo nkutoo de.
17Woakyerɛ me fi me mmofraase na mekɔ so ka wʼanwonwasɛm ho asɛm.
18Afei a mabɔ akwakoraa na me ti so afuw dwen yi, nnyaw me,
O Onyankopɔn!
Ka me ho bere a mepae mu ka wo tumi ne wo kɛseyɛ ho asɛm kyerɛ nkyirimma nyinaa no.
19Wo treneeyɛ,
Onyankopɔn, du wim.
Woayɛ nneɛma akɛse; obi nte sɛ wo.
20Woama ɔhaw ne amanehunu aba me so de, nanso wobɛma manya ahoɔden bio; wobɛtwe me afi damoa ho.
21Wobɛyɛ me kɛse asen daa.
Wobɛkyekye me werɛ bio.
22Mede sanku bɛkamfo wo.
Me Nyankopɔn, mɛkamfo wo nokware.
Me sanku so mɛbɔ nnwom ama wo,
Israel ɔkronkronni.
23Migu so rebɔ no, mɛteɛm anigye so.
Mede me nipadua nyinaa bɛto dwom efisɛ, woagye me nkwa.
24Fi anɔpa kosi anwummere nyinaa mɛka wo treneeyɛ ho asɛm akyerɛ efisɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no, woadi wɔn so nkonim ama wɔn anim agu ase.
Copyright information for TwiNAK